settings icon
share icon
Asɛmmisa

Manya Yesu mu gyedie seesei ara … seesei deɛn bio?

Mmuaeɛ


Ayekoo! Wasi gyinaeɛ a ɛsesa nnipa asetena! Ebia worebisa sɛ, “Seesei deɛn bio? Mene Nyankopͻn bɛfiri m’akwantuo yi ase sɛn?” Akwan ahodoͻ nnum a edidi soͻ yi bɛma wo akwankyerɛ afiri twerɛ kronkron no mu. Sɛ wowͻ asɛmmisa fa w’akwantuo yi ho, mesrɛ kͻ www.GotQuestions.org/Akan.

1. Bͻ mmͻden ara na te adwenesakra ase.

1 Yohane 5:13 ka kyerɛ yɛn sɛ; “ Yeinom na matwerɛ mabrɛ mo a mogye Nyankopͻn ba no din die, na moahunu sɛ mowͻ daa nkwa, na moagye Nyankopͻn ba no din adi”. Nyankopͻn pɛ sɛ yɛte adwenesakra ase. Nyankopͻn pɛ sɛ yɛnya awerɛhyɛm sɛ wagye yɛn. Ne tiatwa mu no, ma yɛnkͻ adwenesakra mu nsɛm titire no mu:

(a) Yɛn nyinaa ayɛ bͻne. Yɛn nyinaa ayɛ nnoͻma bi a Nyankopͻn ani nnye ho (Romafoͻ 3:23).

(b) Yɛn bͻne nti, anka yɛfata asotwe a ɛne sɛ ͻbɛte yɛn ho koraa afiri Nyankopͻn ho (Romafoͻ 6:23).

(c) Yesu wuu wͻ asɛnnua no so de tuaa yɛn bͻne no ho ka (Romafoͻ 5:8; 2 korintofoͻ 5:21). Yesu wu maa yɛn, gyee asotwe anka yɛn na yɛfata no. Ne wusͻreɛ no dii adanseɛ sɛ Yesu wuo no tumi tuaa yɛn bͻne no ho ka.

(d) Nyankopͻ ma wͻn a wͻnya Yesu mu gyedie no fafiri ne adwenesakra – gye ne wuo no di sɛ ɛtuaa yɛn bͻne no ho ka (Yohane 3:16; Romafoͻ 5:1; Romafoͻ 8:1).

Yei ne asɛm a adwenesakra reka! Sɛ wonya Yɛsu mu gyedie sɛ w’agyenkwa a, ͻbɛgye wo. Ɔde wo bͻne nyinaa akyɛ wo, na Nyankopͻn ahyɛ bͻ sɛ ͻrennyae wo da anaa ͻpa wo da. (Romafoͻ 8:38-39; Mateo 28:20). Kae sɛ denam Yesu Kristo so nti w’adwenesakra no si pi si ta (Yohane 10:28-29). Sɛ woregye Yesu nkutoo adi sɛ w’agyenkwa a, wobɛtumi anya ne mu awerɛhyɛm sɛ wone Nyankopͻn bɛtena daa wͻ soro!

2. Pɛ asͻre papa a wͻkyerɛkyerɛ twerɛ kronkron mu kͻ.

Nsusu da sɛ asͻre no ara ne ͻdan no. Asͻre no ne nnipa. Ԑho hia pa ara sɛ Yesu Kristo akyidifoͻ ne wͻn ho wͻn ho bɛbom asom. Yei ne asͻre no botaeɛ pa ara no mu baako. Seesei a woagye Yesu Kristo adi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ asͻre a wͻgye twerɛ krokron no di a ɛwͻ wo mpatam na ɛne ͻsͻfoͻ no nkasa. Ma ͻnhunu wo gyedie foforͻ a wanya wͻ Yesu mu no.

Asͻre no botaeɛ a ɛtͻ mmienu so ne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ twerɛ kronkron no mu. Wobɛtumi asua sɛnea wode Nyankopͻn mmara bɛbͻ wo bra wͻ asetena mu. Twerɛ kronkron no a wobɛte aseɛ no ho hia pa ara na aboa wo ama watena ase yie pa ara abͻ wo bra sɛ Kristoni. 2 Timoteo 3:16-17 ka sɛ, “ Atwerɛ nyinaa firi Nyankopͻnhome mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenee mu yɛne. Na Nyankopͻn nipa ayɛ pɛ a wͻasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”

Asͻre no botaeɛ ɛtͻ so mmiɛnsa ne ͻsom. Ɔsom ne sɛ woreda Nyankopͻn ase wͻ deɛ wayɛ nyinaa ho! Nyankopͻn agye yɛn. Nyankopͻn dͻ yɛn. Nyankopͻn ma yɛn nsa ka yɛn ahiadeɛ. Nyankopͻn tenetene yɛn na ͻkyerɛ yɛn kwan. Ԑbɛyɛ dɛn na yɛnna no ase? Nyankopͻn yɛ kronkron, ͻtene, ͻdͻ, mmͻborͻhunufoͻ na adom ahyɛ ne ma. Adiyisɛm 4:11 ka sɛ,” Yɛn Awurade ne yɛn Nyankopͻn, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ wo na wobͻͻ nnoͻma nyinaa, na wo pɛ nti na wͻwͻ hͻ, na wͻbͻeɛ.”

3. Fa berɛ bi si hͻ da biara da na fa dwenedwene Nyankopͻn ho.

Ԑho hia pa ara sɛ da biara da no yɛbɛgye berɛ bi asi hͻ de adwendwene Nyankopͻn ho. Ebinom frɛ no “koomyɛ berɛ” Ebinom nso frɛ no “ntontom berɛ”, ɛfiri sɛ saa berɛ yi na yɛde yɛde yɛn ho hyɛ Nyankopͻn nsa. Ebinom bɛpɛ sɛ wͻyi berɛ bi si hͻ anͻpa , afoforͻ nso anwummerɛ. Edin a wode bɛfra saa berɛ yi no nhia anaa berɛ wobɛyɛ no. Deɛ ɛho hia pa ara ne sɛ wobɛtaa agye berɛ ne Nyankopͻn abͻ. Nnoͻma bɛn na ɛkͻ so berɛ a yɛne no rebͻ no?

(a) Mpaebͻ. Deɛ mpaebͻ kyerɛ ara ne sɛ wone Nyankopͻn rekasa. Ka wo haw ne w’ahiasɛm nyinaa kyerɛ Nyankopͻn . Serɛ Nyankopͻn sɛ ͻma wo nyansa ne akwankyerɛ. Serɛ Nyankopͻn sɛ ͻma wo nsa nka w’ahiadeɛ . Ka sɛnea wosi dͻ Nyankopͻn no kyerɛ no ne sɛnea w’ani sͻ deɛ ͻyɛ ma wo no. Yei ne mpaebͻ no.

(b) Twerɛ kronkron no akenkan. Sɛ ͻkyerɛkyerɛ wo twerɛnsɛm no wͻ asͻre dan mu, Sunday sukuu, ne/anaa twerɛ kronkron adesua wie a, ɛsɛ sɛ w’ankasa wokenkan twerɛ kronkron no. Biribiara a wohia na ama w’abrabͻ sɛ Kristoni mapa no wͻ twerɛ kronkron no mu. Sɛdeɛ wobɛnya Nyankopͻn nyansa na wasi gyinaeɛ nyansam, sɛnea wobɛhu Nyankopͻn apɛdeɛ, sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ obi, ne sɛnea wobɛnyini honhom mu. Twerɛ kronkron yɛ Nyankopͻn asɛm a ͻde ama yɛn. Twerɛ kronkron no yɛ Nyankopͻ akwankyerɛ nwoma bi a ɛma yɛhu sɛnea yɛbɛbͻ yɛn bra na asͻ n’ani na yɛn bo atͻ yɛn yam.

4. Wo ne nnipa wͻbɛtumi anoa wo honhom mu mfa yͻnkoͻ.

1 korintofoͻ 15:33 ka kyerɛ yɛn sɛ, “ Mommma wͻnnnaadaa mo! Nkͻmmͻ bͻne sɛe bra pa”. Twerɛ kronkron mu no, kͻkͻbͻ pii wͻ mu a ɛma yɛhu nkɛntɛnsoͻ a nnipa “bͻne” bɛtumi anya wͻ yɛn so. Sɛ yɛne nnipa bͻne saa no bͻ a ɛbɛtumi asͻ yɛn ahwɛ ama yɛayɛ saa nnoͻma no bi. Nnipa yɛne wͻn bͻ no suban bɛyɛna yɛn so “nkɛntɛnsoͻ”. Yei nti na ɛho hia sɛ yɛne nnipa wͻdͻ Awuarde na wͻdi no ni no na ɛsɛ sɛ ɛbͻ no.

Bͻ mmͻden nya adamfoͻ baako anaa mmienu bi firi w’asͻre no mu a ͻbɛtumi aboa wo na wahyɛ wo nkuran (Hebrifoͻ 3:13; 10:24). Serɛ w’adamfo no na ͻmmoa wo mma wo berɛ a wahyɛ sɛ wone Nyankopͻn bɛkasa no so , wo dwumadie mu ne wo ne Nyankopͻn nantie mu. Bisa wͻn sɛ wo nso wobɛtumi ayɛ saa ara de aboa wͻn a. Yei nkyerɛ sɛ wobɛtwe ho koraa afiri wo nnamfonom a wͻmmfaa Yesu sɛ wͻn Awurade ne wͻn agyenkwa no koraa. Kͻ so ara yɛ wͻn nnamfo na dͻ wͻn. Ma wͻn nhunu sɛ Yesu asesa w’abrabͻ na worentumi nkͻ so ara nyɛ nnoͻma a na anka woyɛ no bio. Serɛ Nyankopͻn na ͻma wo hokwan ahodoͻ a wobɛtumi ne wo nnamfonom no akyɛ Yesu.

5. Bͻ asu.

Nnipa pii nte asubͻ ase. Asɛmfua asubͻ kyerɛ “ sɛ wode hyɛ nsuo mu.” Asubͻ yɛ twerɛnsɛm mu kwan a wonam so pae mu ka wo gyedie foforͻ a woanya wͻ Yesu mu ne wo bo a woasi sɛ wobɛdi n’akyi. Adeyɛ a ɛne sɛ wode hyɛ nsuo mu kyerɛ sɛ wͻresie wo aka Kristo ho. Nsuo mu a wopue firi mu no twa Kristo wusͻreɛ no ho mfoni. Asu a wobɛbͻ no hyɛ wo agyinaeɛ ma wohu Yesu wuo, ne sie, ne ne wusͻreɛ ( Romafoͻ 6:3-4).

Ԑnyɛ asubͻ na ɛma wonya ͻgyeɛ. Asubͻ nhohoro wo bͻne. Asubͻ kyerɛ osetie, badwam mu mpaemuka sɛ wagye Kristo nko ara adi sɛ w’agyenkwa. Asubͻ ho hia pa ara ɛfiri sɛ ɛyɛ kwan ɛde kͻ osetie mu – woka wͻ badwam sɛ woanya Yesu mu gyedie na wobɛkura wo mudie ama no. Sɛ woayɛ ahoboa sɛ wobɛbͻ asu a, wone ͻsͻfoͻ bi nkasa.

English



San kͻ Akan home page

Manya Yesu mu gyedie seesei ara … seesei deɛn bio?
© Copyright Got Questions Ministries