settings icon
share icon
Asɛmmisa

Wanya daa nkwa?

Mmuaeɛ


Twerɛ kronkron no kyerɛ kwan pͻtee a yɛnam so kͻ daa nkwa mu. Deɛ edi kan, ɛsɛ sɛ yɛgye tom sɛ yɛayɛ bͻne atia Nyankopͻn: “Ԑfiri sɛ wͻn nyinaa ayɛ bͻne, na Nyankopͻn animuonyam abͻ wͻn” (Romafoͻ 3:23). Yɛn nyinaa ayɛyɛ nnoͻma bi a Nyankopͻn ani nnye ho a anka yɛsɛ asotwe. Ԑsiane sɛ yɛn bͻne nyinaa tia Nyankopͻn a wͻte hͻ daa no nti, anka yɛfata daa asotwe. “ Bͻne katua ne owuo, na Nyankopͻn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu”. (Romafoͻ 6:23).

Yesu Kristo, deɛ wannyɛ bͻne da (1 Petro 2:22), Nyankopͻn ba ͻte hͻ daa bɛyɛɛ onipa (Yohane 1:1, 14) na owu de tuaa yɛn bͻne ho ka. “Na Onyankopͻn yi dͻ a ͻdͻ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebͻneyɛfoͻ no Kristo wu maa yɛn” (Romafoͻ 5:8). Yesu wuu wͻ asennua no so (Yohane 19:31-42), ͻfaa asotwe a yɛn na anka ɛsɛ fata yɛn no (2 korintofoͻ 5:21). Nnansa akyi ͻsͻre firii awufoͻ mu (1 Korintofoͻ 15:1-4), de kyerɛɛ sɛ wadi bͻne ne owuo so nkunim.“ “Ne mmͻborɛhunu a ɛdͻͻso nti ͻnam Yesu Kristo sͻreɛ a ͻfiri awufoͻ mu no so awo yɛn foforͻ kͻ anidasoͻ a nkwa wom mu” (1 Petro 1:3).

Denam gyedie so, ɛsɛ sɛ yɛsesa yɛn adwene wͻ Yesu ho- Ɔyɛ hwan, ͻyɛɛ deɛn, ne adɛn na ͻbɛgyee yɛn nkwa ( Asomafoͻ nnwuma 3:19) Sɛ yɛgye no di, gye ne wuo a ͻwuu wͻ asennua no so de tuaa yɛn bͻne no di, ͻde yɛn bͻne bɛfiri yɛn na yɛanya bͻhyɛ a ɛne daa nkwa wͻ soro. “Na sɛdeɛ Nyankopͻn dͻͻ wiase nie, sɛ ͻde ne ba ͻwoo no korͻ maeɛ na obiara a ͻgye no die no anyera, na wanya daa nkwa” (Yohane 3:16).

Sɛ wopɛ sɛ wogye Yesu tom sɛ w’agyenkwa a, mpeabͻ ho nhwɛsoͻ bi nie. Kae sɛ mpaeɛ yi anaa mpaeɛ foforͻ biara a wobɛbͻ no ntumi nnye wo. Gye a wobɛgye Yesu adi nko ara na ɛbɛtumi agye wo afiri bͻne mu. Saa mpaeɛ yi yɛ kwan a wonam so de rekyerɛ Nyankopͻn mu gyedie na waboa wo ama wanya adwenesakra. “ Nyankopͻn, menim sɛ mayɛ bͻne atia wo , na mefata asotwe. Nanso Yesu Kristo afa asotwe no a anka me fata no sɛnea ɛbɛyɛ a menam ne mu gyedie so bɛnya fafiri. Mede me werɛ hyɛ wo mu sɛ sakra me. Meda wo ase pa ara wͻ wo dom nwanwasoͻ ne wo fafir i- daa nkwa akyɛdeɛ! Amen!”

Woasi gyinae sɛ wone Kristo bɛnante ɛsiane nea woakenkan wͻ ha yi? Sɛ saa a,y ɛsrɛ sɛ mia “Magye Kristo atom nnɛ wͻ” button a edi soͻ yi so.

English



San kͻ Akan home page

Wanya daa nkwa?
© Copyright Got Questions Ministries