settings icon
share icon
Asɛmmisa

Woanya fafiri? Mɛyɛ deɛn anya fafiri afiri Nyankopͻn hͻ?

Mmuaeɛ


Asomafoͻ nnwuma 13:38 ka sɛ: “ Enti, anuanom, monhunu sɛ ɛnam oyi so na wͻka bͻne fakyɛ kyerɛ mo.

Deɛn ne fafiri na adɛn nti na mehia?

Asɛmfua”fafiri” kyerɛ sɛ wobɛte ho, ahunummͻborͻ, wotwa ɛka bi mu. Sɛ yɛfom obi a, yɛhwehwɛ fafiri sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wͻn ntam bɛsan aya papa. Fafiri nni hͻ kɛkɛ ara kwa sɛ nipa no fata ara sɛ yɛde firi no nti. Daabi obiara mfata sɛ wͻde firi no. Fafiri kyerɛ ͻdͻ, mmͻborͻhunu ne adom. Fafiri yɛ gyinaeɛ yɛsi sɛ yɛnnyɛ biribiara ntia yɛn yͻnko nipa,ɛmfa ho ne deɛ wayɛ atia yɛn biara no.

Twerɛ kronkron no kyerɛ yɛn sɛ, yɛn nyinaa hia Nyankopͻn hͻ fafiri. Yɛn nyinaa ayɛ bͻne. Ɔsɛnkafoͻ 7:20 ka s;“ Ampa ara onipa tenenee biara nni asase so a ͻyɛ papa na ͻnyɛ bͻne.” 1 Yohane 1:8 ka sɛ: “ Sɛ yɛka sɛ yɛnni bͻne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokorɛ nni yɛn mu.” Bͻne nyinaa yɛ biribi a ͻyɛ tia Nyankopͻn? (Nnwom 51:4). Ne saa nti, yɛhia Nyankopͻn hͻ fafiri pa ara. Sɛ wammfa yɛn bͻne amfiri yɛn a, yɛn bͻne no nti yɛbɛhunu amane afebͻͻ. (Mateo 25:46, Yohane 3:36).

Fafiri – Mɛyɛ dɛn anya?

Yɛda Nyankopͻn ase sɛ ͻyɛ ͻdͻ ne ahunummͻborͻ na ͻwͻ ͻpԑ sɛ ͻde yɛn bͻne bɛfiri! 2 Petro 3:9 ka kyerɛ yɛn sɛ,”…Ɔmpɛ sɛ nnipa biara bɛyera, na mmom ͻpɛ sɛ wͻn nyina ba adwenesakyera mu.” Nyankopͻn wͻ ͻpɛ sɛ sɛ ͻde bɛfiri yɛn, enti na wayɛ yɛn fafiri ho nhyehyɛeɛ no.

Yɛn bͻne ho akatua ara ne owuo. Romafoͻ 6:23 ne fa edi kan no ka sɛ, “ Bͻne akatua ne owuo…” Daa owuo na ɛsiane yɛn bͻne nti anka yɛanya. Nyankopͻn, wͻn n’ankasa nhyehyɛeɛ mu, bɛyɛɛ onipa – Yesu Kristo ( Yohane 1:1,14). Yesu wuu wͻ asɛnnua no so, tua asotwe a na ɛfata yɛn no – owuo. 2 Korintofoͻ 5:21 kyerɛ yɛn sɛ, “Nyankopͻn yɛɛ deɛ ͻnnim bͻne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopͻn tenenee, wͻ ͻno mu. Yesu wuu wͻ asɛnnua no so, na ͻgyee asotwe a na ɛfata yɛn! Sɛ Nyankopͻn no, Yesu wuo no ma yɛnya fafiri wͻ wiase nyinaa”. 1 Yohane 2:2 ka sɛ, “ Ɔno ne yɛn bͻne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn deɛ ho nko na mmom wiase nyinaa deɛ ho bi”. Yesu sͻre firii awufoͻ mu de kyerɛɛ sɛ wadi bͻne ne owuo so nkunim (1 Korintofoͻ 15: 1-28). Aseda nka Nyankopͻn, ɛnam Yesu Kristo wuo ne ne wusͻreɛ so no, Romafo 6:23 ne fa ɛtͻ so mmienu yɛ no nokorɛ, “...Nyankopͻn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”

Wopɛ sɛ ͻde wo bͻne firi wo? Woanya nnuho sɛ wompɛ sɛ wobɛyera? Yɛn bͻne no ho fafiri wͻ hͻ, sɛ yɛgye di sɛ yɛn agyenkwa ne Yesu Kristo a. Efesofoͻ 1:7 ka sɛ, “ Ɔno ara ne mu na yɛanya ͻgyeɛ a ɛnam ne mogya soͻ, ɛne mfomsoͻ fakyɛ no, n’adom bebree.” Yesu tuaa ɛka a yɛde maa yɛn, nti wͻde bɛfiri yɛn. Deɛ ɛhia sɛ woyɛ ara ne wobɛsrɛ fafiri afiri Nyankopͻn hͻ nam Yesu so, nya gyedie sɛ Yesu wu de tuaa yɛn fafiri ho ka – na ͻde bɛfiri wo. Yohane 3:16-17 kura saa asɛm nwanwasoͻ yi, “ Na sɛdeɛ Nyankopͻn dͻͻ wiase nie, sɛ ͻde ne ba ͻwoo no korͻ maeɛ, na obiara a ͻgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.” Na Nyankopͻn ansoma ne ͻba no amma wiase sɛ ͻmmɛbu wiase atɛn, na mmom sɛ wͻmfa ne so nnye wiase.”

Fafiri – ɛyɛ mmrɛ saa anaa?

Aane ɛyɛ mmrɛ! Wonntumi nnya bͻne fafiri mfiri Nyankopͻn hͻ. Worentumi ntua wo fafiri ho ka mfiri Nyankopͻn hͻ.

Wonam gyedie, Nyankopͻn adom ne n’ahummͻborͻ so na wo nsa bɛka. Wopɛ sɛ wogye Yesu Kristo di sɛ w’agyenkwa na wonya fafiri firi Nyankopͻn hͻ a, mpaeɛ bi a ɛsɛ sɛ wobɛtumi abͻ nie. Mpaeɛ yi anaa mpaeɛ foforͻ biara a wobɛbͻ no ntumi nnye wo. Ԑyɛ gye a wobɛgye Yesu Kristo adie na ɛbɛtumi ama wanya bͻne fafiri. Saa mpaeɛ yi yɛ kwan a wonam so de kyerɛ Nyankopͻn mu gyedie na waboa wo ama wanya adwenesakra. “ Nyankopͻn, menim sɛ mayɛ bͻne atia wo , na mefata asotwe. Nanso Yesu Kristo afa asotwe no a anka me fata no sɛnea ɛbɛyɛ a menam ne mu gyedie so bɛnya fafiri. Mede me werɛ hyɛ wo mu sɛ sakra me. Meda wo ase pa ara wͻ wo dom nwanwasoͻ ne wo fafiri. Amen!”

Woasi gyinae sɛ wone Kristo bɛnante ɛsiane nea woakenkan wͻ ha yi? Sɛ saa a,y ɛsrɛ sɛ mia “Magye Kristo atom nnɛ wͻ” button a edi soͻ yi so.

English



San kͻ Akan home page

Woanya fafiri? Mɛyɛ deɛn anya fafiri afiri Nyankopͻn hͻ?
© Copyright Got Questions Ministries