settings icon
share icon
Asɛmmisa

Hwan ne Yesu Kristo?

Mmuaeɛ


Yei deɛ ɛnte sɛ asɛmmisa a ɛne sɛ “Nyankopͻn wͻ hͻ ampa?” nnipa kakra bi pɛ na na wͻbisa sɛ Yesu Kristo wͻ hͻ ampa. Wͻagye atom wͻ babiara sɛ ɛyɛ nokorɛ kann sɛ Yesu yɛ onipa wanante asase so pɛn wͻ Israel mfeɛ 2000 atwam nie. Akyinnyegyeɛ taa sͻre berɛ a wͻabͻ asɛmti Yesu Kristo so na wͻresusu ho. Ԑrekame ayɛ sɛ ͻsom biara kyerɛkyerɛ sɛ na Yesu yɛ odiyifoͻ anaa ͻkyerɛkyerɛfoͻ papa anaa nyamsomfoͻ papa. Ɔhaw no ne twerɛ kronkron no ka kyerɛ yɛn na Yesu kyɛn odiyifoͻ, ͻkyerɛkyerɛfoͻ papa anaa nyamesomfoͻ papa.

C.S Lewis wͻ ne nwoma Mere Christianity twerɛɛ deɛ edi soͻ yi sɛ: “ Merebͻ mmͻden sɛ mɛsi obiara kwan na woanka nsɛnhunu pa ara a wͻka fa ne ho [Yesu Kristo]: Mayɛ krado sɛ mɛgye Yesu atom sɛ ͻkyerɛkyerɛfoͻ papa , nanso mennye no ntom sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Yei yɛ biribi a ɛnsɛ sɛ yɛka. Nipa anka ͻnsɛ hwee a anka ͻkaa nsɛm ahodoͻ saa a Yesu kaeɛ no ntumi nyɛ ͻkyerɛkyerɛfoͻ kɛseɛ ͻkyerɛkyerɛ suban pa ho nnoͻma saa da. Anka ͻbɛyɛ sɛ bͻdamfoͻ mmom a wͻka sɛ wayɛ kosua a wanoa de ato nsuo mu — anaa — anka ͻbɛyɛ bͻnefoͻ wͻ hell. Ԑsɛ sɛ w’ankasa yi deɛ wopɛ. Sɛ saa barima yi yɛ , na ͻyɛ Nyankopͻn ba, anaa bͻdamfoͻ bi anaa biribi foforͻ biara. Wobɛtumi apa no akͻdi gyimifoͻ bi akyi , na wobɛtumi ate ntasuo agu ne so na wakum no sɛ honhom bͻne; anaa woahwe ne nan ase na woafrɛ no Awurade ne Nyankopͻn. Na yɛnnye nsɛnhunu wͻkeka fa ne ho sɛ ͻyɛ nipa a ͻnim nkyerɛkyerɛ. Wammue ɛno so ama yɛn. Na wannya saa ͻpɛ no nso.”

Ԑnneɛ na Yesu kyerɛɛ sɛ ͻyɛ hwan? Deɛn na twerɛ kronkron ka fa ne ho sɛ ͻyɛ? Deɛ edi kan yɛnhwɛ Yesu asɛm a ɛwͻ Yohane 10:30, “ Mene m’agya no yɛ baako.” Sɛ wohwɛ mu deɛ edi kan a anhwɛ wonnhu biribi a ɛkyerɛ sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Nanso hwɛ sɛnea Yudafoͻ no yԑԑ no wͻ n’asɛm a ͻkaeɛ no ho, “ Ԑnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboͻ na mmom abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ wo ho sɛ Nyankopͻn” (Yohane 10:33). Yodafoͻ no tee Yesu asɛm no ase sɛ, ͻse ͻyɛ Nyankopͻn. Nkyekyɛmu a na ɛdi hͻ no mu no, Yesu antene Yudafoͻ no sɛ “Manka sɛ meyɛ Nyankopͻn.” Yei kyerɛ sɛ na Yesu reka sɛ ͻyɛ Nyankopͻn berɛ a ͻkaa sɛ, “Mene agya no yɛ baako” (Yohane 10:30). Yohane 8:58 nso yɛ nhwɛsoͻ foforͻ: “Yesu see wͻn sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ pa ara mu sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewͻ hͻ”, Yudafoͻ no tasee aboͻ sɛ wͻde bɛsi Yesu. (Yohane 8:59). Yesu ma yɛhu oniiko a ͻyɛ sɛ “ Me ara ne me ara” a ɛkyerɛ Nyankopͻn din wͻ apam dada no mu (Exodus 3:14). Adɛn nti na na Yudafoͻ no pɛ sɛ wͻsi Yesu aboͻ, sɛ anka wanka abususɛm sɛ, ͻyɛ Nyankopͻn a?

Yohane 1:1 ka sɛ: “Na asɛm no yɛ Nyankopͻn.” Yohane 1:14 ka sɛ “Asɛm no bɛyɛɛ honam.” Yei kyerɛ Yesu yɛ Nyankopͻn wͻ honam mu. Osuani Toma buaa Yesu sɛ “ M’awurade ne me Nyankopͻn” (Yohane 20:28). Yesu antenetene no. Ɔsomafoͻ Paulo kyerɛkyerɛɛ ne mu sɛ,”… yɛn Nyankopͻn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo.” (Tito 2:13). Ɔsomafo Petro nso ka asɛm korͻ no ara, “… yɛn Nyankopͻn ne Agyenkwa Yesu Kristo” (2 Petro 1:1). Nyankopͻn, agya no nim oniiko Yesu yɛ ankasa nso, “ ɛdefa ͻba no ho, ͻka sɛ, w’ahennwa no bɛtena hͻ afebͻͻ, na tenee na ɛbɛkͻ so wͻ w’ahennie no mu.” Apam dada no ma yɛhu Kristo nyame su, “Na wͻawo akͻkoaa ama yɛn wͻama yɛn ͻbabanin, na n’ahennie bɛda ne mmatiri so, na wͻafrɛ ne din sɛ: ͻfotufoͻ nwanwani Nyankopͻn Tumfoͻ, daa agya, asomdwoeɛ hene” (Yesaia 9:6).

Enti sɛnea C.S. Lewis ka no, gye a yɛbɛgye Yesu adi sɛ ͻyɛ ͻkyerɛkyerɛfoͻ papa no, ɛnyԑ ɛno ne asɛm no. Yesu no ankasa kyerɛɛ sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Sɛ ͻnyɛ Nyankopͻn a, ԑnneɛ na ͻyɛ ͻtorofoͻ, ma enti na ͻnyɛ odiyifoͻ, ͻkyerɛkyerɛfoͻ papa, anaa nyamesomni papa. Nnɛ animdefoͻ binom rekyerɛ Yesu nsɛm mu a ͻkyerɛ sɛ Yesu ankasa a ͻwͻ abakͻsɛm mu no anka nnoͻma pii a twerɛ kronkron ka fa ne ho no. Yɛyԑ hwan a yɛrekͻgye Nyankopͻn asɛm a ɛfa deɛ Yesu yɛeɛ anaa wannka ho? Deɛn nti na “nimdefoͻ” a ͻtenaa ase mfeɛ mpem mmienu nie no bɛyi Yesu ne ne nnoͻma ͻyɛeɛ anaa wͻn a wͻne no tenaeɛ, ͻsomm no na Yesu n’ankasa kyerɛkyerɛɛ no bԑyi afiri mu (Yohane 14:26)?

Adɛn nti na asɛmmisa a ɛfa oniiko pͻtee Yesu yɛ no ho hia saa? Sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn anaa ͻnnyɛ Nyankopͻn ho hia saa? Adeɛ baako a ɛho hia pa ara ne sɛ, sɛ Yesu anyɛ Nyankopͻn anka ne wuo no ntumi ntua wiase nyinaa bͻne no da. (1 Yohane 2:2). Nyankopͻn nko ara na ͻbɛtumi atua ɛka ɛso saa no (Romafoͻ 5:8, 2 Korintofoͻ 5:21). Na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn na watumi atua yɛn ka a yɛde no. Na ɛsɛ sɛ Yesu bɛyɛ nipa na watumi awu. Nkwagye gyina Yesu mu gyedie nkutoo so. Yesu yɛ Nyame ɛno nti na Ɔno nko ara na yɛnam ne so nya adwenesakra. Yesu yɛ Nyame enti na otumi kaa sɛ, “ Mene kwan no, nokorɛ ne nkwa no, obi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɛnam me so” (Yohane 14:6).

English



San kͻ Akan home page

Hwan ne Yesu Kristo?
© Copyright Got Questions Ministries