settings icon
share icon
Asɛmmisa

Nyankopͻn wͻ hͻ? Adanseɛ bi wͻ hͻ a ɛkyerɛ sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ?

Mmuaeɛ


Onyankopͻn wͻ a ͻwͻ hͻ nyɛ biribi a yɛbɛumi agye atom anaa agye ho akyinnyeɛ. Twerɛ kronkron no ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛde gyedie gye tom sɛ Onyankopͻn wͻ hͻ :” Na sɛ gyedie nni mu a obi ntumi nsͻ Onyakopͻn ani, na ɛsɛ sɛ deɛ ͻba Nyankopͻn nkyɛn no sɛ, ͻgye di sɛ ͻwͻ hͻ, na ͻyɛ wͻn a wͻhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoͻ”(Hebrifoͻ 11:6). Sɛ onyankopͻn pɛ a anka, ͻbɛtumi ayi ne ho adi akyerɛ wiase nyinaa sɛ ͻwͻ hͻ ampa. Nanso sɛ ͻyɛ saa a, anka gyedie biara ho nhia. “Yesu see no sɛ,‘Woahu me nti, na woagye adie; Nhyira ne wɔn a wonhunuiɛ na wͻgye die” (Yohane 20:29).

Yei nkyerɛ sɛ, adanseɛ biara nni hͻ a ɛkyerɛ sɛ Nyankopͻn biara nni hͻ. Twerɛ kronkron no ka sɛ,

“Ɔsoro ka Nyankopͻn animuonyam kyerɛ, ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma. Da koro biara woro kyerɛ, na anadwo biara da nimdeɛ adi. Ԑnyɛ ͻkasa na ɛnyɛ nsɛm a wͻteɛ. Ɔsoro susuhama duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ͻsoro hͻ” (Nnwom 19:1-4). Sɛ yɛhwɛ nsroma, sɛnea amansan yi yɛ kɛse fa, yɛhwɛ nnoͻma nwonwasoͻ a ɛwͻ amansan yi mu, hwɛ sɛnea owia tͻeɛ si yɛfɛ fa — ne nyinaa kyerɛ sɛ ͻbͻadeɛ Nyankopͻn bi wͻ hͻ. Sɛ yeinom mpo nnͻso mpo a, adanseɛ bi wͻ yɛn koma mu a ɛkyerɛ sɛ Nyankopͻn bi wͻ hͻ. Ɔsɛnkafoͻ 3:1 ka kyerɛ yɛn sɛ, “.....Ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wͻn akoma mu”. Biribi wͻn yɛn mu pa ara a ɛma yɛhu sɛ biribi wͻ hͻ a ɛkͻ akyiri mpo kyɛn nkwa yi na obi wͻ hͻ a ͻboro wiase yei so koraa. Yɛbɛtumi agye yei ho kyim sɛ animdefoͻ, nanso Nyankopͻn wͻ yɛn mu ne nnoͻma a atwa yɛn ho ahyia a akyinnyegyeeɛ biara nni ho. Ԑmfa ho ne yei mpo no, twerɛ kronkron no bͻ kͻkͻ sɛ obi bɛgye kyim sɛ Nyankopͻn biara nni hͻ sɛ: “ Ogyegyentwie se n’akoma mu sɛ Nyankopͻn biara nni hͻ”(Nnwom 14:1). Ԑsiane sɛ nnipa dodoͻ no ara a wͻatena ase firi abakͻsɛm, wͻ amammerɛ nyinaa mu, anibie nyinaa mu ne ne nsase nyinaa so gye di sɛ Nyame bi wͻ hͻ, ɛsɛ sɛ biribi (anaa obi) wͻ hͻ ͻma yɛnya saa gyedie yi.

Deɛ ɛfoa deɛ twerɛ kronkron no ka fa Nyankopͻn wͻ a ͻwͻ hͻ no , ne adanseɛ ahodoͻ bi a akyinnyegye biara nni ho. Deɛ edi kan ne ͻntͻnogyi deɛ no. Adanseɛ yi mu deɛ ɛnyɛ na koraa ne adwene ɛne Nyankopͻn de kyerɛ sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ. Ԑfiri aseɛ kyerɛkyerɛ Nyankopͻn mu sɛ “ Obiara ne ne kɛseyɛ nsɛ“ Ԑkyerɛ mu sԑ, sɛ biribi wͻ hͻ no mu yɛ duru sene sɛ biribi nni hͻ, enti obi a ͻyɛ kɛseɛ sene obiara no, ɛsɛ sɛ ͻwͻ hͻ. Sɛ Nyankopͻn nni hͻ a, ɛneɛ na anka Nyankopͻn nyɛ obi yɛsusu sɛ ͻwͻ hͻ na anka sɛnea ͻkyerɛkyerɛ Nyankopͻn mu no bɛbͻ ne ho abira.

Deɛ ɛtͻ so mmienu ne sɛnea wahyehyɛ nnoͻma ne kwan so ne kwan so no anaa teleogyika deɛ no Teleogyika deɛ no ka sɛ, sɛnea wahyehyɛ amansan yi ama ayɛ fɛfɛɛfɛ kama no a, ɛbɛyɛ sɛ ͻnwonofoͻ nwanwafoͻ bi wͻ hͻ a ͻyɛeɛ. Sɛ nhwɛsoͻ no, sɛ anka asase no bɛnn owia no pa ara anaa anka ɛkͻͻ akyi dodo firii owia no ho a, anka sɛnea anka ɛboa nkwa ɛwͻ so no, anka ɛntumi nyɛ sɛnea anka ɛreyɛ seesei no saa da. Sɛ nnoͻma a ɛwͻ amansan yi mu no daa nso kakra mpo firii sɛnea ɛteɛ no mpo a, anka biribiara a ɛwͻ asase no so bɛwuwu. Odds a ɛwͻ protein molecule a n’ankasa fͻͻmooe yɛ 1 wͻ 10243 biara mu. (kyerɛ sɛ 10 a yɛde ohunu a ne dodoͻ yɛ 243 aka ho). Cell baako mu no protein molecule ͻpepem pii na ɛwom.

Deɛ ɛtͻ so mmiɛnsa a ɛtͻ asom ne sɛnea amansan yi si teɛ anaa kosmologika deɛ no. Deɛ ɛbɛkͻ so biara wͻ ne farebae. Amansan yi ne biribiara a ɛwͻ mu wͻ ne nsunsuansoͻ. Ԑsɛ sɛ bibiri na ɛkͻ so na ama biribi aba. Deɛ ͻma ɛsisi no ne Nyankopͻn.

Deɛ ɛtͻ so nnan ne suban anaa moral deɛ no. Amammerɛ biara wͻ nnipa abakͻsɛm mu no wͻ mmara bi. Obiara nim deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ . Awudie, atorͻdie, korͻnobͻ ne brabͻne yɛ biribi a wiase nyinaa nnye nntom. Saa adwene a ɛma yɛhu papa anaa bͻne yi firi he, sɛ ɛnyɛ ͻkronkroni Nyankopͻn hͻ a?

Sɛ yeinom nyinaa da nkyɛn a, twerɛ kronkron ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa bɛpo Nyankopͻn ho nimdeɛ a ɛyɛ nokorɛ turodoo na ɛmu da hͻ no na wͻakͻtie atorͻ. Romafoͻ 1:25 ka sɛ; “Ԑfiri sɛ wͻsesa Nyankopͻn nokorɛ no gyee atorͻ na wͻfɛree, na wͻsomm abͻdeɛ a wͻhyira no daa no. Amen.” Twerɛ krokron no sane kyerɛ sɛ nnipa nni anoyie biara sɛ wͻannye Nyankopͻn annnie: “. Na ɛfiri wiase bͻ so teteete na n’adeɛ a wͻnhunu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nnoͻma a ͻyɛeɛ no ho, enti na wͻnni anoyie biara” (Romafoͻ 1:20).

Nnipa binom nnye Nyankopͻn wͻ ͻwͻ hͻ no ntom ɛsiane sɛ “ɛnyɛ Nyansahu” anaa “adanseɛ pͻtee biara nni hͻ”. Nokorɛ a ɛwom ne sɛ, sɛ wͻnya gye tom sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ a, ɛneɛ wͻbɛbu akontaa akyerɛ Nyankopͻn na wͻbɛhia ne fafiri. (Romafoͻ 3:23,6:23) Enti sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ a ɛnneɛ yɛbɛbu yɛn nneyɛeɛ ho akontaa akyerɛ no. Sɛ Nyankopͻn nni hͻ a, anka yɛbɛtumi ayɛ nea yɛpɛ biara anka yɛmma hwee nha yɛn sɛ Nyankopͻn bɛbu yɛn atɛn. Yei nti na wͻn a wͻnnye nni sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ no no mu pii gye adanedandie ho nkyerɛkyerɛ no tom saa no — yei ma wͻnya nnyinasoͻ a ɛmma wͻnnye Nyankopͻn nni. Nyankopͻn wͻ hͻ na obiara nim sɛ ͻwͻ hͻ. We a ebinom awe ahinam so de rekyerɛ sɛ Nyankopͻn biara nni baabira yɛ adanseɛ aɛkyerɛ sɛ ͻwͻ hͻ ampa.

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ? Sɛ Akristofoͻ no, yɛnim sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ ɛfiri sɛ yɛne no kasa da biara. Yɛnnte ne nne ankasa sɛ ͻde rekasa akyerɛ yɛn, yete nka sɛ ͻbɛn yɛn, yɛte n’akanie ase, yɛnim ne dͻ, yɛn ani sͻ ne dom. Yei ada adi wͻn yɛn asetena mu a ɛnhia nkyerɛkyerɛmu biara kyerɛ Nyankopͻn no ara. Nyankopͻn nam anwanwakwan so agye yɛn na wasesa yɛn abrabͻ a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛhyɛ no animuonyam sɛ ͻwͻ hͻ. Adanseɛ yi ntumi nkokorͻ obiara wayɛ sɛ ͻnnye ntom sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ berɛ a adanseɛ no mu da hͻ kann no. Awieeɛ koraa no, ɛsɛ sɛ yɛde gyedie na ɛgye tom sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ. (Hebrifoͻ 11:6). Nyankopͻn mu gyedie a yԑnya nkyerɛ sɛ yɛrekͻ sum mu; na mmom ɛde yɛn rekͻ dan bi mu a nnipa pii gyinagyina mu dada a briribira deda yie mu.

English



San kͻ Akan home page

Nyankopͻn wͻ hͻ? Adanseɛ bi wͻ hͻ a ɛkyerɛ sɛ Nyankopͻn wͻ hͻ?
© Copyright Got Questions Ministries