settings icon
share icon
Asɛmmisa

Yesu yɛ Nyankopͻn? Yesu kyerɛɛ pɛn sɛ ͻyɛ Nyankopͻn?

Mmuaeɛ


Wͻn a wͻnnye ntom sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn ka sɛ, Yesu anka da sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Ԑyɛ nokorɛ, twerɛ kronkron nka wͻ baabiara sɛ Yesu kaa saa asɛm no pͻtee sɛ, “ Meyɛ Nyankopͻn.” Yei nkyerɛ sɛ Yesu anka sɛ ͻnnyɛ Nyankopͻn.

Yesu yɛ Nyankopͻn? —Yesu kyerɛɛ sɛ ͻyɛ Nyankopͻn.

Hwɛ Yesu asɛm a ɛwͻ Yohane 10:30, “Mene agya no yɛ baako.” Ԑsɛ sɛ yɛhwɛ deɛ Yudafoͻ no yɛeɛ de berɛ a na ͻrekyerɛ sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Wͻyɛɛ sɛ wͻresi no aboͻ ɛsiane saa ntira: “ Wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopͻn” (Yohane 10:30). Na Yudafoͻ no te deɛ na Yesu reka no ase yie pa ara — Nyame. Berɛ a Yesu kaa sɛ “Mene agya no yɛ baako,” na ͻrekyerɛ sɛ ͻne agya no yɛ pɛ na ɛho hia. Yohane 8:58 nso yɛ adanseɛ foforͻ. Yesu see wͻn sɛ “ Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewͻ hͻ.” Na yei rekyrɛ berɛ a Nyankopͻn yii ne ho adi wͻ Exodus 3:14 sɛ “ ME ARA” no. Yudafoͻ a wͻtee asɛm a ͻkaeɛ no tasee aboͻ sɛ ͻde bɛkum no sɛ waka abususɛm, sɛnea na Mose mmara no ahyɛ no. (Leviticus 24:16).

Yesu yɛ Nyankopͻn? — N’akyidifoͻ apae mu aka sɛ ͻyɛ Nyankopͻn.

Yohane ma yɛhu Onyame Yesu: “ Na asɛm no (Yesu) yɛ Nyankopͻn” ne “Asɛm no bɛyɛɛ honam” (Yohane 1:1,14). Nkyekyɛm yi si so dua kann sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn wͻ honam mu. Asomafoͻ nnwuma 20:28 ka kyerɛ yɛn sɛ, “Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom kronkron de mo asisi wͻn ahwɛfoͻ, sɛ mobɛyɛne Nyankopͻn asafo no a ͻde ͻno ara mogya anya wͻn no yie.” Saa nkyekyɛm yi ara ka sɛ Nyankopͻn de n’ankasa ne mogya na ɛgyee n’asafo no. Enti Yesu yɛ Nyankopͻn.

Osuani Toma pae mu ka faa Yesu ho sɛ, “M’awurade ne me Nyankopͻn” (Yohane 20:28). Yesu antenetene no. Tito 2:13 hyɛ nkuran sɛ yɛntwɛn yɛn Nyankopͻn ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo (Hwɛ 2 Petro 1:1 nso). Wͻ Hebrifoͻ 1:8, Agya no ka fa Yesu ho sɛ, “Na ͻba no deɛ, ͻse Onyankopͻn, w’ahennwa wͻ hͻ daapem dapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.” Agya no frɛɛ Yesu sɛ Nyankopͻn, de kyerɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn ampa.

Wͻ adiyisɛm mu no, abͻfoͻ no hyɛɛ ͻsomafoͻ Yohane sɛ ͻnsom Nyankopͻn nko ara (Adiyisɛm 19:10). Mmerɛ pii wͻ twerɛsɛm no mu a ͻsomm Yesu (Mateo 2:11; 14:33; 28:9, 17; Luka 24:52; Yohane 9:38). Wanntwi nnipa anim sɛ ͻresom no no nti. Sɛ Yesu nnyɛ Nyankopͻn anka ͻbɛka akyerɛ nkorͻfoͻ no sɛ mma wͻnnsom, sɛnea abͻfoͻ no a ͻwͻ Adiyisɛm mu no yɛeɛ no. Deɛ ɛsene yei no, adanseɛ pii wͻ twerɛnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn.

Yesu yɛ Nyankopͻn? — Sɛ nti a ɛsɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopͻn.

Adeɛ titire nti a Yesu yɛ Nyankopͻn ne sɛ, sɛ anka ͻnnyɛ Nyankopͻn anka ne wuo no ntumi nso sɛ ɛbɛtua wiase bͻne (1 Yohane 2:2). Sɛ anka Yesu nnyɛ Nyankopͻn a anka ͻyɛ abͻdeɛ, na anka ɛrentumi ntua yɛn bͻne a yɛayɛ atia Nyankopͻn no ho ka. Nyankopͻn nkutoo nko ara na ͻbɛtumi atua ɛka kɛseɛ saa. Nyankopͻn nko ara na ͻbɛtumi asoa wiase nyinaa bͻne (2 Korintofoͻ 5:21), awu, na wanyane de kyerɛ sɛ wadi bͻne ne owuo so nkunim.

Yesu yɛ Nyankopͻn? Aane. Yesu ankasa frɛɛ ne ho Nyankopͻn. N’akyidifoͻ gye di sɛ ͻyɛ Nyankopͻn. Nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ no yɛ berɛ a Yesu yɛ Nyankopͻn nkutoo. Yesu yɛ Nyankopͻn a wansane akͻ aba bio, Mfitiaseɛ ne awieeɛ a ͻte hͻ daa (Adiyisɛm 1:8; 22:13), ne Nyankopͻn yɛn agyenkwa. (2Petro 1:1).

English



San kͻ Akan home page

Yesu yɛ Nyankopͻn? Yesu kyerɛɛ pɛn sɛ ͻyɛ Nyankopͻn?
© Copyright Got Questions Ministries