settings icon
share icon
Asɛmmisa

Deɛn ne Kristoni?

Mmuaeɛ


Nsɛmasekyerɛ nwoma nkyerkyerɛmu a ɛde ma Kristoni ne “ Nipa wapae mu aka sɛ ͻgye Yesu sɛ ͻne Kristo anaa ͻsom a ne nkyerɛkyerɛ no gyina Yesu nkyerɛkyerɛ so no bɛyɛ pɛ”. Ԑyɛ kakra deɛ, te sɛ nsɛmasekyerɛ nwoma nkyerɛaseɛ dodoͻ no ara no, ɛmma yɛnnhu sɛnea twerɛsɛm no nu nokwasɛm ama yɛhu deɛ ɛkyerɛ sɛ obi yɛ Kristoni no. Asɛmfua “Kristoni” wͻde dii dwuma mprɛnsa wͻ Apam foforͻ no mu (Asomafoͻ nnwuma 11:26; 26:28; 1 Petro 4:16) Wͻfrɛɛ Yesu akyidifoͻ sɛ “ Akristofoͻ” wͻ Antiokia (Asomafoͻ nnwuma 11:26) ɛsiane wͻn nneyɛeɛ, wͻn dwumadie, ne wͻn kasa a na ɛsɛ Kristo nti. Deɛ asɛmfua “Kristoni” kyerɛ ara ne, sɛ woka Yesu Kristo ho” anaa “ Kristo kyidini.”

Awerɛhosɛm ne sɛ berɛ kͻͻ so no, asɛmfua “Kristoni” ayera ne nteaseɛ a ɛho hia pa ara na wͻtaa de frɛ obiara ͻwͻ ͻsom bi mu anaa obi ͻwͻ suban pa nanso ebia na ͻnyɛ Yesu Kristo kyidini. Nnipa pii a wͻnnye Yesu nni no mpo hunu wͻn ho sɛ wͻyɛ Akristofoͻ ɛsiane sɛ wͻkͻ asͻre anaa wͻte ͻman a wͻyɛ “Akristofoͻ” mu. Nanso asͻre kͻ, sɛ woresom wͻn a wͻba fam sene wo, anaa sɛ woyɛ nipa papa mma wonnyɛ Kristoni. Asͻre wokͻ no mma wommɛyɛ kristoni te sɛ nea wokͻ garaagye a wommɛyɛ kaa no. Sɛ woyɛ asͻre bi ba, sɛ wokͻ asͻre daa, ne sɛ woreboa asͻre no adwuma mma wommɛyɛ kristoni.

Twerɛ kronkron kyerɛkyerɛ no kyerɛkyerɛ sɛ yɛn nnwuma papa mma Nyankopͻn nnye yɛn ntom. Tito 3:5 ka sɛ , “ Ԑmfiri teneneemu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ͻno ara ne mmͻborͻhunu nti,na ɛmaa no faa awo foforͻ adwareɛ ne honhom kronkron foforͻyɛ so gyee yɛn nkwa”. Enti Kristoni ne obi Nyankopͻn awo no foforͻ (Yohane 3:3; Yohane 3:7; 1 Petro 1:23) na wagye adi na ͻde ne werɛ ahyɛ Yesu Kristo mu. Efesofoͻ 2:8 ka kyerɛ yɛn sɛ “…adom na wͻde nam gyedie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopͻn akyɛdeɛ”.

Kristoni mapa ne nipa wͻde ne gyedie ne ne werɛ ahyɛ Yesu Kristo mu, a n’asennua so wuo a ͻde tuaa bͻne ho ka ne wusͻreɛ wͻ da ɛtͻ so mmiɛnsa. Yohane 1:2 ka kyerɛ yɛn sɛ, “ Na dodoͻ a wͻgyee no no, wͻn a wͻgyee ne din diiɛ no, ͻmaa wͻn tumi sɛ wͻnyɛ Nyankopͻn mma.” Nokorɛ Kristoni ahyɛsodeɛ ne ͻbɛdͻ afoforͻ, ne sɛ ͻbɛtie Nyankopͻn asɛm. (1Yohane 2:4,10). Kristoni mapa yɛ Nyankopͻn ba, ͻka Nyankopͻn abusua no ho kann, ne obi a wanya no asetena foforͻ wͻ Yesu Kristo mu.

Woasi gyinae sɛ wone Kristo bɛnante ɛsiane nea woakenkan wͻ ha yi? Sɛ saa a,y ɛsrɛ sɛ mia “Magye Kristo atom nnɛ wͻ” button a edi soͻ yi so.

English



San kͻ Akan home page

Deɛn ne Kristoni?
© Copyright Got Questions Ministries