settings icon
share icon
Asɛmmisa

Deɛn ne adwenesakra kwan?

Mmuaeɛ


Ɔkͻm de wo? Ԑnyɛ ͻkͻm pa ara ankasa, biribi ho kͻm de wo wͻ asetena mu? Biribi hyɛ wo mu fee a akͻyɛ sɛ wommerɛɛ ho? Sɛ saa a Yesu ne ͻkwan no! Yesu kaa sɛ, “ Mene nkwa paano no; deɛ ͻba me nkyɛn no, ɛkͻm renne no da, na deɛ ͻgye me die no, osukͻm renne no da.” (Yohane 6:35)

Wonnhu deɛ wonyɛ? Ayɛ sɛ wonnhu kwan a wommfa so anaa asetena atirimpͻ da? Ayɛ sɛnea obi adum kanea na akͻyɛ sɛ wonnhu deɛ yɛde sͻ no? Sɛ saa, Yesu ne ͻkwan no! Yesu kaa sɛ, “Mene wiase hann, deɛ ͻdi m’akyire no rennante sum, na ͻbɛnya nkwa hann” (Yohane 8:12).

Woate nka pɛn sɛ woaka akyi wͻ abrabͻ mu? Woabͻ mmͻden sɛ wobɛhyɛn apono pii mu nanso deɛ wohunuu wͻ n’akyi ne sɛ ayɛ hwee na atirimpͻ biara nnim? Worepɛ kwan a akͻ asetena a atirimpͻ wom? Sɛ saa a Yesu ne kwan no! Yesu kaa sɛ, “Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kͻ mu a wͻbɛgye no nkwa, na ͻbɛkͻ mu, na ͻbɛfiri adi na ͻbɛnya adidibea” (Yohane 10:9).

Nnipa afoforͻ taa ma wo nsa si fam? W’adamfofa ayɛ bisi basaa ne hwee anaa? Ayɛ sɛnea obiara pɛ sɛ osisi wo anaa? Sɛ saa a Yesu ne ͻkwan no!. Yesu kaa sɛ, “ Mene odwanhwɛfoͻ pa no. Odwanhwɛfoͻ pa de ne nkwa to hͻ ma ne nnwan no. Mene odwanhwɛfoͻ pa; na menim me deɛ na me deɛ nso nim me” (Yohane 10:11,14).

Woadwene ho pɛn deɛ ɛkͻ so wͻ asetena yei akyi? Wabrɛ sɛ wosɛe wobrɛ nyinaa wͻ nnoͻma a ɛporͻ anaa nnoͻma ɛwe nnarekye ho? Ԑtͻ da a ɛyɛ wo sɛ gyama asetena nni atirimpͻ biara? Wopɛ sɛ wotena ase wͻ wo wuo akyi? Sɛ saa a Yesu ne ͻkwan no! Yesu kaa sɛ,” Mene owusͻreɛ ne nkwa; deɛ ͻgye me die no sɛ wawu mpo a, ͻbɛnya nkwa na obiara ͻgye me die no renwu da (Yohane 11:25-26).”

Deɛn ne kwan no? Deɛn ne nokorɛ no? Deɛn ne nkwa no? Yesu buae sɛ,“ Mene ͻkwan no, nokorɛ ne nkwa no; obi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ͻnam me so” (Yohane 14:6).

Ɔkͻm a ɛde wo no yɛ honhom fam ͻkͻm, na Yesu na ͻbɛma woameeɛ. Yesu nkutoo na ͻbɛtumi ama sum no so. Yesu ne ͻkwan a ɛkͻ asetena a abotͻyam wom mu. Yesu ne adamfoͻ ne odwanhwɛfoͻ worehwɛhwɛ no no. Yesu ne nkwa — wͻ wiase yei ne deɛ ɛreba no mu. Yesu ne ͻkwan ɛkͻ adwenesakra mu!

Deɛ nti a wote ͻkͻm, deɛ nti a wote nka sɛ woayera wͻ sum, deɛ nti a wonntumi nhunu asetena atirimpͻ ne sɛ woate wo ho afiri Nyankopͻn ho. Twerɛ kronkron no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛn nyinaa ayɛ bͻne na yɛatwe yɛn ho afiri Nyankopͻn ho (Ɔsɛnkafoͻ 7:20; Romafoͻ 3:23). Ankonamyɛ a wote wͻ w’akoma mu no kyerɛ sɛ, Nyankopͻn ayera afiri w’abrabͻ mu. Ɔbͻͻ yɛn sɛ anka yɛne Nyankopͻn nya ayͻnkofa. Nanso ɛsiane yɛn bͻne nti yɛatwe yɛn ho afiri saa adamfofa no ho. Deɛ ɛnyɛ koraa no, yɛn bͻne no bɛma yɛatwe yɛn ho afiri Nyankopͻn ho afebͻͻ, wͻ asetena yei mu ne deɛ ɛreba no mu (Romafoͻ 6:23; Yohane 3:36).

Yɛbɛyɛ dɛn asi saa ͻhaw yi ano? Yesu ne ͻkwan no! Yesu asoa yɛn bͻne nyinaa (2 Korintofoͻ 5:21).

Yesu wu maa yɛn (Romafoͻ 5:8), gyee asotwe anka na yɛfata no. Nnansa akyi no, Yesu sͻre firii awufoͻ mu, de kyerɛɛ sɛ wadi bͻne ne owuo so nkunim (Romafoͻ 6:4-5). Adɛn nti na ͻyɛɛ saa? Yesu no ankasa maa ho mmuaeɛ: “ Obi nni dͻ kɛseɛ a ɛsene yei , sɛ obi de ne kra bɛto hͻ ama ne nnamfo”(Yohane 15:13). Yesu wuui sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtena ase. Sɛ yɛgye Yesu di, gye ne wuo no di sɛ ɛno na ɛtuaa yɛn bͻne ho ka, ͻbɛpepa yɛn bͻne nyinaa. Hononhom mu ͻkͻm a ɛde yɛn no, ͻbɛma yɛn amee. Ɔbɛsͻ nkanea no. Yɛbɛnya asetena abotͻyma wom. Yɛbɛhunu yɛn adamfo pa ara no ne odwanhwɛfoͻ no. Yɛbɛhunu sɛ yɛbɛnyane wͻ yɛn wuo akyi — owusͻreɛ wͻ soro daa yɛne Yesu!

“Na sɛdeɛ Nyankopͻn dͻͻ wiase nie sɛ ͻde ne ba ͻwoo no korͻ no maeɛ, na obiara ͻgye no die no anyera, na wanya daa nkwa” (Yohane 3:16).

Woasi gyinae sɛ wone Kristo bɛnante ɛsiane nea woakenkan wͻ ha yi? Sɛ saa a,y ɛsrɛ sɛ mia “Magye Kristo atom nnɛ wͻ” button a edi soͻ yi so.

English



San kͻ Akan home page

Deɛn ne adwenesakra kwan?
© Copyright Got Questions Ministries