settings icon
share icon
Asɛmbisa

Medie megyidie ahyɛ Yesu mu…afei ɛdeɛn na aka?

Mmuaeɛ


Mo! Wasi gyinaeɛ pa a ɛbɛsesa w’abrabɔ. ɛbi a worebisa sɛ, ‘afie aka deɛn? Sɛn na me ne Nyankopɔn bɛnante?’ Twerɛ kronkron nam saa akwan nnun yi so bɛboa wo. Sɛ biribi kyerɛ wo adwene a, onua kɔ saa bea si: https://www.gotquestions.org/Twi

1. Hwɛ sɛ wote nkwagyeɛ ase.

1 Yohane 5:13 ka sɛ, ‘Weinom na matwerɛ mabrɛ mo a mogye Nyankopɔn ba no din die, na moahunu sɛ mowɔ daa nkwa, na moagye Nyankopɔn b no din adi.’

(a) Yɛn nyinaa ayɛ bɔne. Yɛn nyinaa ayɛ biribi atia Nyankopɔn (Romanfoɔ 3:23)

(b) Yɛn bɔne nti na ama yɛne Nyankopɔn ntam atete (Romanfoɔ 6:23)

(c) Yesu wuu asennua no so de tua yɛn bɔne ka. (Romanfoɔ 5:8; 2 Korintofoɔ 55:21).

(d) Nyankopɔn de bɔnefafirie ne nkwagyeɛ ma obiara a ɔde ne werɛ hyɛ Yesu mu – obiara a ɔgye di sɛ Yesu wuo ne atua ne bɔne ka (Yohane 3:16; Romanfoɔ 5:1; Romanfoɔ 8:1).

Wei ne nkwagyesɛm no! Sɛ wode wowerɛ ahyɛ Yesu Kristo mu a na wowɔ nkwagyeeɛ! Ɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo, na Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔrepa wo na ɔrenya wo. (Romanfoɔ 8:38-39; Mateo 28:20). Kae sɛ, wo nkwagyeeɛ no hyɛ Yesu mu a obi ntumi nnye mfiri ne nsam. (Yohane 10:28-29). Sɛ woagye Yesu adi yi nko ara deɛ a, woni Nyankopɔn na ɛbɛtena wo ahemman mu.

2. Hwehwɛ asɔre pa a ɛkyerɛkyerɛ Twerɛ Kronkron yie kɔ.

Sɛ meka asɔre a, menkyerɛ ɛdan a nnipa de wɔn nsa asie. Merekyerɛ wo nipadua. Nanso ɛho hia sɛ wone agyedifoɔ bɛdi ahyia mu. Nhyiamudie yɛ asɔre no botaeɛ baako. Seisei a wode wo gyidie ahyɛ Yesu Kristo mu yi, yɛhyɛ wo nkuran sɛ pɛ asɔre papa a ɛkyerɛkyerɛ Twerɛ Kronkron wɔ baabi a wotee na ɛne ɔsofoɔ a ɔwɔ hɔ nkasa. Ma no nhunu wo gyidie foforɔ a woanya no.

Asɔre botaeɛ a ɛtɔ so mmienu ne Twerɛ Kronkron nkyerɛkyerɛ. Asɔre no bɛboa wo ama woannya akwankyerɛ wɔ w’abrabɔ mu. Sɛ wote Twerɛ Kronkron ase a w’abrabɔ sɛ Kristoni no bɛkɔ so ama wo. 2 Timoteo 3:16-17 sɛ ‘Atwerɛ nyinaa firi Nyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛne. Na Nyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.’

Asɔre botaeɛ a ɛtɔ mmiensa ne ɔsɔree. Ɔsɔree ne sɛ woreda Nyankopɔn ase wɔ deɛ wayɛ ama wo ho. Nyankopɔn agye yɛn. Nyankopɔn dɔ yɛn. Nyankopɔn ma yɛn deɛ ɛhia yɛn, Nyankopɔn kyerɛkyerɛ yɛn kwan. Wei nyinaa nti na ɛsɛ sɛ yɛda no aseɛ. Nyankopɔn yɛ Kronkron, ne ho te, ɔyɛ ɔdɔ, ɔwɔ ayamyɛ, na adom ahyɛ no ma. Adiyisɛm 4:11 sɛ, ‘Awurade, wofata sɛ wogye animuonyam ne anidie ne tumi, ɛfiri sɛ won a wɔbɔɔ nnoɔma nyinaa, na wo pɛ nti na wɔwowɔ hɔ, na wɔbɔeɛ.’

3. Nya berɛ ne Nyankopɔn nni nkutadie da biara.

Ɛyɛ sɛ wo bɛnnya berɛ ne Nyankopɔn ɛdi nkutaho da bi ara. Nnipa bi frɛ saa adeɛ yi Kɔmm yɛ berɛ (quiet time).’ Nnipa bi wɔ nso din ahodoɔ a wɔde frɛ saa berɛ yi, na nyinaa ne sɛ, ɛyɛ mmerɛ a yɛde yɛn ho hyɛ Nyankopɔn nsa. Ɛbi pɛ saa berɛ yi anopa na ɛbinom nso pɛ no annwumerɛ. Ɛdin ne berɛ no deɛ ɛho nhia. deɛ ɛhia ne sɛ wone Nyankopɔn bɛdi nkutaho da biara.

(a) Mpaeɛbɔ. Mpaeɛbɔ ne sɛ worekasa akyerɛ Nyankopɔn. Ka wahiasɛm kyerɛ Nyankopɔn. Bisa Nyankopɔn na ɔma wo Nyansa ne akwankyerɛ. Bisa Nyankopɔn na ɔma wo deɛ ɛhia wo. Kakyerɛ Nyankopɔn sɛ wodɔ no na w’ani asɔ deɛ wayɛ ama wo no nso. Sei na mpaeɛ tee.

(b) Twerɛ Kronkron adesua. Sɛ yɛyɛ Kwasiade asɔre ne adesua firi hɔ a, wohia ɛberɛ a wo ankasa de bɛsua Twerɛ Kronkron. Deɛ wohia wɔ wo Kristosom abrabɔ mu nyinaa wɔ Twerɛ Kronkron mu. Twerɛ Kronkron bɛma wo akwankyerɛ, ɛbɛkyerɛ wo Nyankopɔn apɛdeɛ, na akyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa adi Nyankopɔn ho adansie akyerɛ afoforɔ, ne ɔkwan a wobɛfa anyine wɔ honhom mu. Twerɛ Kronkron yɛ Nyankopɔn asɛm ma yɛn. Twerɛ Kronkron yɛ abrabɔpa akwankyerɛ ne ɛkyerɛ ɔkwan a wobɛfa no asɔ Nyankopɔn ani.

4. Ɛnne Akristofoɔ nya ayɔnkofa.

1 Korintofoɔ 15:33 ka sɛ, ‘ Mommma wɔnnnaadaa mo! ‘Nkɔmmɔ bɔne sɛe bra pa.’’ Twerɛ Kronkron tu yɛn fo wɔ wiasefoɔ ho. Wo ne wiasefoɔ ayɔnkofa bɛtumi de woakɔ bɔne mu. Ne saa nti na ɛsɛ sɛ wo ne wɔn a wɔdɔ Nyankopɔn yɛ ayɔnkoɔ.

Bɔ mmɔden hwehwɛ ayɔnkoɔ a wɔbɛtumi aboa wo wɔ asɔre a wɔkɔ mu Hebrefoɔ 3:13, 10:24). Wone saa ayɔnkofoɔ yi nyɛ apam wɔ wo Twerɛ Kronkron adesua ne wo Kristosom abrabɔ mu. Wei nso nkyerɛ sɛ, wo nnamfo a yɛnyɛ Akristofoɔ no ɛne wɔn nkasa. Kɔ so ne wɔn nyɛ nnamfoɔ and dɔ wɔn nanso ɛsɛ sɛ woma yɛn hunu sɛ Yesu asesa w’abrabɔ nti wontumi nya nnoɔma bi a na woyɛ no dada no bio. Srɛ Nyankopɔn na ɔma wo ɔkwan a wo ne wɔn bɛkyɛ Yesu ho asɛm.

5. Bɔ asu.

Nnipa dodoɔ no ara nte asubɔ ase. Asɛmfua asubɔ ne sɛ wode wo bɛhyɛ nsuo mu. Asubɔ yɛ adeɛ a yɛyɛ de da adi mma amansan hunu sɛ yɛbɛyɛ Akristofoɔ. Nsuo mu a yɛde yɛn hyɛ no gyina hɔ ma Kristo sie. Sɛ yɛrefiri nsu mo nso kyerɛ Yesu wusɔreeɛ. Sɛ wobɔ asu a na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo wuo, ne sie ne ne wosɔreeɛ mu.

Nyɛ asubɔ no na ɛbɛgye wo nkwa. Asubɔ nhohorɔ bɔne. Asubɔ yɛ osotie na ɛsiane nso yɛ adeɛ a woreyɛ dɛ ada adi ama amansan ahunu wo gyidie ne nkwagye wonya wɔ Yesu mu. Asubɔ yɛ Nyankopɔn asɛm so die. Esiane nso kyerɛ sɛ afei deɛ woyɛ Kristo dea. Sɛ wayɛ krado sɛ wobɛbɔ asu a, ɛne wo sɔfo nkasa.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Medie megyidie ahyɛ Yesu mu…afei ɛdeɛn na aka?
© Copyright Got Questions Ministries