settings icon
share icon
Asɛmbisa

Hwan ne Yesu Kristo?

Mmuaeɛ


Sɛ Nyankopɔn te ase anaa ɔnte asɛ akɔyɛ asumasɛm, nanso Yesu Kristo deɛ dodoɔ no ara gye di sɛ ɔtenaa asase yi so. Mpo nnipa dodoɔ no ara na ɛgye to mu sɛ Yesu Kristo yɛ onipa a, ɔnantee Israel asase so bɛyɛ mfeɛ mpem mmienu a atwam ni. Akyinnyeɛ kakra ɛwɔ ne ɛberɛ yɛbɛfi aseɛ apɛnsɛpɛnsɛn Yesu Kristo su ne ne ban a ɔyɛ mu. Anigyesɛm ne sɛ, gyidie ahodoɔ no ara kyerɛkyerɛ sɛ, Yesu yɛ Odiyifoɔ, ɛbi nso sɛ, na ɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ ne onipa pa. Nanso Twerɛ Kronkron ma yɛtɛ aseɛ sɛ, Yesu so kyɛn saa suban a yɛbobɔ soɔ yi nnyina ara.

C.S Lewis twerɛɛ wɔ ne nnwoma ‘Mere Christianity’ mu sɛ: Merebɔ mmɔden wɔ ha sɛ mesi kwan na obi anka abususɛm amfa Yesu Kristo ho: ‘megye di pa ara sɛ, Yesu yɛ abrabɔ pa kyerɛkyerɛfoɔ nanso mennnye nni da sɛ ɔyɛ Nyankopɔn.’ Saa asɛm sei na ɛnsɛ sɛ yɛka. Nanso onipa dasani a ɔkyerɛkyerɛ abrabɔ pa sɛ Yesu nnyɛ ɔkyerɛkyerɛ kɛkɛ. Sɛ ɔnyɛ biribi sononko a, na ɔwɔ honhombɔne. Ɛsɛ sɛ woyi mu baako. Saa nnipa yi yɛ Nyankopɔn ba anaa ɔbodamfoɔ anaa mpo biribi bi. Yesu bɛtumi ayɛ ɔnnitire ama wo, wobɛtumi ate ntasuo agu ne so, ɛnna wobɛtumi aku no sɛ onipa bɔnefoɔ, ɛnna wopɛ nso a, wobɛkoto ne nan ase afrɛ no Awurade ne Nyankopɔn. Wei nyinaa akyi no, sɛ, Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa deɛ a, akyinnyeɛ biara nni ho. Ne nnwuma a ɔyɛɛ din ne ho adanseɛ.’

Nti Yesu sɛ ɔne Hwan? Na Twerɛ Kronkron sɛ Yesu ne hwan? Yesu kaa no wɔ Yohane 10:30 sɛ; Mene Agya no yɛ baako.’ sɛ woanhwɛ no yie a wobɛka sɛ Yesu sɛ ɔyɛ Nyankopɔn. Nanso Yudafoɔ no sɛ, ‘Deɛ nti a yeresi no aboɔ ne sɛ waka abususɛm, nnipa dasani na wofrɛ wo ho Nyankopɔn.’(Yohane 10:33). Yudafoɔ no faa saa asɛm yi sɛ Yesu sɛ ɔyɛ Nyankopɔn. Nso Yesu anka sɛ ‘ɔnyɛ Nyankopɔn’. Nanso sɛ wohwɛ a na akɔyɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔka sɛ ɔyɛ Nyankopɔn sɛ ɔkaeɛ sɛ: ‘Mene Agya no yɛ baako.’ (Yohane 10:30). Johane 8:58 nso ma yɛn saa nhwɛsoɔ yi ara bi, Yesu see wɔn sɛ: Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ!’ Wei ho nso anka Yudafoɔ no reyɛ asi no aboɔ. (Yohane 8:49). Jesu frɛ no ho sɛ ‘Mene’, na wei nso yɛ Nyankopɔn din a ɛwɔ Apam dada no mu baako (Exodus 3:14) Yudafoɔ gye Nyankopɔn di enti na wɔpɛɛ sɛ wɔsi Yesu aboɔ, ɛfiri sɛ na wogye di sɛ Yesu aka abususɛm a ɛne sɛ ɔsɛ ɔyɛ Nyankopɔn.

Yohane 1:1 sɛ ‘Na asɛm no yɛ Onyankopɔn’. Yohane 1:14 ka sɛ ‘ Na asɛm no bɛyɛɛ human,’. Wei kyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ nnipa tebea mu. Toma sɛɛ Yesu sɛ, ‘M’Adwurade ne me Nyankopɔn’ (Yohane 20:28). Yesu anka Toma anim wɔ saa deɛ ɔkaa yi ho. Ɔsɛmpani Paulo nso kaa sɛ, ‘…Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn agyenkwa Kristo Yesu.’ (Tito 2:13). Ɔsɛmpani Petro kaa asɛm korɔ no ara sɛ,’…Yɛn Nyankopɔn ne agyenkwa Yesu Kristo’ (2 Petro 1:1). Yɛn agya Nyankopɔn no ara di Yesu ho adanseɛ, ‘ Wo ɔba no ho ɔse,’ Onyankopɔn, w’ahennea wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Apam dada no mu nso ka Kristo Nyameyɛ ho asɛm sɛ. ‘Na wɔawo akɔkoaa ama yɛn, woama yɛn ɔbabanin; na n’ahannie bɛda ne mmatiri so, na wɔafrɛ ne din sɛ, Nwanwa, Ɔfotufoɔ, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-gya, Asomdwoeɛ-hene’ (Yesaia 9:6).

C.S. Lewis sɛ, akyinnyeɛ biara nni hɔ sɛ Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa. Yesu ka no pefee sɛ ɔyɛ Nyankopɔn. Sɛ ɔnyɛ Nyankopɔn a, na ɔyɛ ɔtorofoɔ, na ɛnneɛ na ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa na mmom ɔbɔnefoɔ. Nnɛ yi abɛnfoɔ dodoɔ no ara aka sɛ, nsɛm pii a Twerɛ Kronkron aka afa Yesu ho no ara na ɛnyɛ Yesu no ara anom asɛm. Na hwan ne yɛn sɛ yɛregye Twerɛ Kronkron akyinnye wɔ deɛ Yesu yɛeɛ ne deɛ ɔkaeɛ ho? Asɛmbisa ne sɛ, enti abɛnfoɔ bɛtumi ahunu akyɛn asuafoɔ a wɔne Yesu nanteɛ na ɔno ankasa kyerɛkyerɛ wɔn no. (Yohane 14:26)

Adɛn koraa na Yesu su ne ne ban ho asɛm hia saa? So ɛho hia sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn anaa ɔnyɛ? Sɛ Yesu nyɛ Nyankopɔn deɛ a, ɛnneɛ na ne mogya ntumi ntua wiase bɔne so ka (2 Yohane 2:2). Nyankopɔn nko ara na ɔbɛtumi atua saa ka yi. (Romanfoɔ 5:8; 2 Korintofoɔ 5:21). Ɛsɛ sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn na woatumi akua nnipa bɔne so ka. Esiane sɛ nnipa nko ara na ɛwuo nti, na ɛsɛ sɛ Yesu bɛyɛ onipa. Yesu Kristo mu gyidie nko ara na ɛde nkwagyeɛ brɛ nnipa. Yesu nyameyɛ no na ɛma no yɛ ɔkwan a yɛde kɔ nkwagyeeɛ mu. Yesu nyameyɛ no na ɛma no ka sɛ, ‘Mene kwan, nokorɛ ne nkwa, obi nkɔ Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.’ (Yohane 14:6)

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Hwan ne Yesu Kristo?
© Copyright Got Questions Ministries