settings icon
share icon
Asɛmbisa

So Yesu yɛ Onyankopɔn? So Yesu kaa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn?

Mmuaeɛ


Yesu anka no Twerɛ Kronkron mu baabiara sɛ ‘Me yɛ Onyankopɔn’. Na wei nso nkyerɛ sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn. Hwɛ asɛm a Yesu kaa no wɔ Yohane asɛmpa 10:30, ‘me ne agya no yɛ baako.’ Sɛ yɛhwɛ sedeɛ Yudafoɔ no yɛɛ wɔ saa asɛm yi ho a na wotumi hu sɛ Yesu repɛ akyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Wie nti na na wɔpɛ sɛ wɔsi no aboɔ no. ‘…wo, nnipa a yɛnim woɔ yi na wose woyɛ Onyankopɔn (Yohane asɛmpa 10:33). Na Yudafoɔ no nim deɛ na Yesu reka – Onyame bi. Hwɛ no nso sɛ Yesu gye too mu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn. Yehunu wei wɔ ɛberɛ a ɔkaa sɛ ‘mene Agya no yɛ baako’(Johane 10:30), Nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ, ɔne agya no sɛ wɔ suban ne nneyɛeɛ mu. Johane 8:58 nso ma yɛn saa nhwɛso korɔ yi ara b sɛ: Yesu see wɔn sɛ: Nokorɛ, nokorɛ mese mo sɛ, Abraham nnya mmaeɛ no, na mewɔ hɔ. Yudafoɔ a wɔtee asɛm yi no momaa aboa so sɛ anka wɔrekɔku no sɛdeɛ Mose mmara hyɛ wɔn no, ɛfiri sɛ waka abususɛm (Leviticus 24:15).

Johane nso kaa Yesu Nyameyɛ ho asɛm: ‘Na asɛm no yɛ Onyankopɔn’ ne ‘asɛm no beyɛɛ homan’ (Johane 1:1,14). Yohane asɛmpa a yɛhwɛ yi kyerɛ sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ honam fam. Asomafo ne nnwuma 20:28 ka sɛ: Enti monhwɛ mo ho ne nnwankuo nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfoɔ sɛ mobeyɛne Onyankopɔn asafo a ɔde ɔno ara mogya anya wɔn no yie’. Hwan na ɔde ne mogya tɔɔ asafo no - Onyankopɔn asafo? - Ɛyɛ Yesu Kristo. Asomafo no nnwuma 20:28 a yɛhwɛ yi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn de ɔno ara ne mogya na ɛtɔɔ asafo no. Saa nsɛm yi si so dua sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn.

Ɔrekasa afa Yesu ho no, Osuani Toma kaa sɛ, ‘M’Adwuradi ne me Nyankopɔn’ (Yohane 20:28) Yesu anka n’anim wɔ asɛm a ɔkaeɛ yi ho. Tito 2:13 nso hyɛ yɛn nkuran sɛ, yɛntwɛn Onyanopɔn ne yɛn agyenkwa Kirsto Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie. (san nso hwɛ, 2 Petro 1:1) Hebrefoɔ 1:8, Onyankopɔn saa sɛ, ‘na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.’ Agya no free ɔba no sɛ ‘Onyankopɔn’, wie nso kyerɛ sɛ ampa ara Yesu yɛ Onyankopɔn.

Adiyisɛm nwma mu no, ɔbofoɔ bi kakyerɛ Johane sɛ Onyankopɔn nko ara na ɛsɛ sɛ ɔkoto no. (Adiyisɛm 19:10). Nsɛm pii wɔ Twerɛ Kronkron mu a ɛkyerɛ sɛ nnipa kotoo sɔree Yesu. (Mateo 2:11, 14:33, 28:9, 17; Luke 24:52; Johane 9:38) Nso Yesu anka nkurɔfoɔ a ɛkotoo sɔree no no anim. Sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn a, anka ɔbɛka akyere saafoɔ no sɛ mma wɔn nkoto no sɛneɛ ɔbɔfoɔ no kakyerɛɛ Johane no. Twerɛ Kronkron mu nsɛm pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ Yesu Nyameyɛ.

Nea yede rewie ne sɛ, sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn a, anka ne wuo ntumi ntua yɛn bɔne so ka (1 Johane 2:2). Sɛ Yesu nyɛ Onyankopɔn deɛ a na ɔyɛ ɔdasani a ɔntumi ntua yɛn bɔne a yɛyɛ atia Onyankopɔn ka. Onyankopɔn nko ara na ɔbetumi de bɔne akyɛ. Onyankopɔn nko ara na ɔtumi yi wiase bɔne (2 Korintofoɔ 5:21), ne wuo, ne ne wusureɛ na ɔde adi bɔne ne owuo so nkunim.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

So Yesu yɛ Onyankopɔn? So Yesu kaa sɛ ɔyɛ Onyankopɔn?
© Copyright Got Questions Ministries