settings icon
share icon
Asɛmbisa

Nkwagyeeɛ kwan ne deɛn/ ɛkwan a ɛkɔ nkwagyeeɛ mu?

Mmuaeɛ


ɛkɔm de wo anaa? Nyɛ honam, so wohia biribi wɔ w’asetena mu? So biribi si w’ani so a worehwɛ anim kwan anaa? Sɛ ɛte saa deɛ, ɛnneɛ na Yesu ne ɔkwan no! Yesu sɛ, Mene nkwa paanoo no; deɛɔba me nkyɛn no, ɛkɔm renne no da, na deɛ ɔgye me die no, osukɔm renne no da’ (Yohane 6:35)

So biribi kyere w’adwene anaa? abrabɔ no mu ayɛ den anaa? So wohia kanea bi wɔ w’anim anaa? sɛ ɛte saa merekanfo Yesu ama wo ɔne Kwan so? Yesu anom asɛm nie’ ‘ Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu, na ɔbɛnya nkwa hann’ (Yohane 8:12)

Asɛ ɛsum aduru wo? So wokɔ a ɛnkɔ, abrabɔ ayɛ bisibasaa anaa? worehwehwɛ ɔkwanpa bi afa so? Sɛ ɛte saa, me nua na Yesu ne ɔkwan no? Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea’ (Yohane 10:9).

So nnipa di wo hwammɔ? Wayɔnkofa me te sɛn? So ɔboafoɔ bi nni baabi? Sɛ ɛte saa a, me nua, Yesu ne ɔkwan no. Yesu sɛ, ‘Mene odwanhwɛfoɔ pa no, Odwanhwɛfoɔ pa de ne kra to hɔ ma nnwan no. Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso ni me (Yohane 10: 11, 14).

So wadwene deɛ ɛwɔ saa abrabɔ yi akyi? So wadi nnoɔma a ɛseɛ akyi akyɛ? Ɛyɛ a wodwene sɛ abrabɔ yi ɛbɛkɔ yie ni? So wopɛ sɛ wotene asɛ wo abrabɔ wei akyi? Sɛ ɛte saa a, me dɔfo Yesu ne ɔkwan no! Twerɛ Kronkron sɛ, ‘Yesu see no sɛ: ‘Mene owusureɛ ne nkwa; deɛ ɛgye me die no sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa.’’(Yohane 11:25-26).

Ɛdeɛn ne kwan no? Ɛdeɛn ne nokorɛ? Ɛdeɛn ne nkwa? Yesu sɛ, ‘ Mene kwan no nokorɛ no ne nkwa no; obi mma agya no nkyɛ, gye sɛ ɔnam me so’ (Yohane 14:6).

Medɔfo, ɛkɔm a ɛde woɔ yi yɛ honhom mu kɔm, Yesu nko ara na ɔbɛtumi ama wo amee. Yesu nko ara na ɔbɛtumi ama hann aba abrabɔ no mu. Yesu ne ɔpono a yɛfa no so kɔ daa nkwa mu. Yesu ne adamfoɔ ne Odwanhwɛfoɔ pa a yɛn ani da no so. Yesu ne nkwa no – wia yi ase ne wiase a ɛreba no mu. Yesu nko ara ne nkwagye kwan.

Deɛ nti a ɛkɔm de woɔ, deɛ nti a asɛ woayera, deɛ nti a wo nhunu abrabɔ yi so, ne nyinaa ne sɛ woagya Nyankopɔn wɔ akyire. Twerɛ Kronkron ka sɛ yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yɛne Nyankopɔn ntɛm atete. (Ɔsɛnkafoɔ 7:20; Romanfoɔ 3:23). Ɛnne a wote wɔ w’akomam yi yɛ Nyankopɔn nne, ɛno na afire w’abrabɔ mu a ɛma nnoɔma nkɔ yie wɔ wasetena mu. Nyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛne no bɛnnya ayɔnkofa. Yɛn bɔne na atete yɛne Nyankopɔn ntam. Deɛ ehu koraa ne sɛ, yɛn bɔne retete yɛne Nyankopɔn ntam wɔ nkwa yi ne nkwa foforɔ a ɛreba no mu.( Romanfoɔ 6:23; Yohane 3:36)

Ɛbɛyɛ dɛn na saa ɔhaw yi afiri hɔ? Yesu ne ɔkwan no? Yesu soaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so (2 Korintofoɔ 5:21). Yesu wu maa yɛn (Romanfoɔ 5:8), gyee asotwe a ɛsɛ yɛn no. Ne nnansa akyi ɔsɔre firi awufoɔ mu, dii bɔne ne asaman so (Romanfoɔ 6:4-5). Ɛdeɛn nti na ɔyɛɛ saa? Yesu no ara bua saa asɛm yi sɛ; ‘Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene wei sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo (John 15:13). Yesu yɛɛ saa na yɛtumi anya daa nkwa. Sɛ yɛde yɛn gyidie hyɛ Yesu mu, na yɛgye di sɛ ne wuo no atua yɛn bɔne so ka a, ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn na wapepa ne nyinaa. Ɛno ansa na yɛbɛmee honhom mu. Yɛn sum bɛdane hann. Yeidie nso bɛba yɛn abrabɔ mu. Ɛno ansa na yɛbɛhunu yɛn dɔfo ne yɛn hwɛfopa. Afei yɛbɛhu sɛ yɛwɔ nkwa wɔ ɔbra wei akyi – Yɛne Yesu bɛtena aheman daa.

‘Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde neb a a ɔwoo korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye ne die no anyera, na wanya daa nkwa.

Nea wokenkan yi ama wasi gyinaeɛ sɛ wobɛdi Yesu akyi anaa? Sɛ ɛte saa, mia asɛm a ɛse ‘Megye Kristo adi nni da yi’ yi so.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Nkwagyeeɛ kwan ne deɛn/ ɛkwan a ɛkɔ nkwagyeeɛ mu?
© Copyright Got Questions Ministries