settings icon
share icon
Asɛmbisa

So Onyankopɔn te ase? So adenseɛ bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn te ase?

Mmuaeɛ


Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Onyankopɔn te ase. Twere Kronkron ka sɛ, ɛsɛ sɛ yɛgye di sɛ Onyankopɔn te ase. ‘na gyidie nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ deɛ ɔba Nyakopɔn nkyɛn no sɛ ɔgye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyiri kwan no katuafoɔ’ (Hebrifoɔ 11:16). Sɛ Onyankopɔn pɛ a, ɔbɛyi ne ho akyerɛ wiase sɛ ɔte ase. Nanso sɛ ɔyɛ saa na gyidie ho nhia bio. Yesu see no sɛ: Toma, sɛ woahu me nti na woagye adie. Nhyira ne wɔn a wɔnhunuiɛ, na wɔgye die’ (Johane 20:29)

Wei so nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Twerɛ Kronkron ka sɛ, ‘Ɔsoroka Nyankopɔn animuonyam, na ewiem kyerɛ ne nsa ano adwuma. ɛda woro so kyerɛda, na anadwo ma anadwo te nka. Ɛnyɛ ɔkasa na ɛnyɛ nsɛm a wɔteɛ. Ɔsoro susuhoma duru asase nyinaa so, na ne nsɛm duru wiase ano; wasi ntomadan ama owia ɔsoro hɔ.’ Hwɛ ɔsoro nnsoroma, hwɛ sedeɛ asaase kɛseɛ teɛ, hwɛ sedeɛ ewia mu yɛ nwanwa, ne sɛdeɛ awia si yɛ fɛ fa – wie nyinaa kyerɛ ɔboadeɛ Nyankopɔn te ase. Sɛ adanseɛ wie firi hɔ a, adenseɛ baako a ɛwɔ hɔ ne se Nyankopɔn te yɛn koma mu. Ɔsɛnkafoɔ 3:11 ka sɛ, ‘…nso ɔde wiase ahyɛ wɔn akomam.’ ɔdasani biara nim sɛ, sɛ ne nkwa nna sa a, ɔbra foforɔ wɔ akyire. Nnipa gye akyinnyeɛ wɔ saa ɔbra foforɔ a ɛwɔ owuo akyi nanso nnoɔma a atwa nyɛ ho ahyia nyinaa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn te ase. Wei nyinaa akyi no,Twerɛ Kronkron tu yɛn fo sɛ ɛbinon bɛgye akyinnye sɛ Onyankopɔn bi nni baabi. ‘ Ogyegyentwi se no n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. (Nnwom 14:1). Nanso nnipa dodoɔ no ara a ɛwɔ wia yi ase, ne nimdeɛ ahodoɔ nyinaa gye tom sɛ Nyame bi wɔ baabi, saa deɛ a, na biribi na ɛde saa gyidie yi aba.

Nnipa nimdeɛ mu no biribi ara a nnipa adwene bɛtumi adwene no na ɛsɛ sɛ ɛwɔ hɔ. Wia yi ase biribi kɛseɛ a nnipa adwene tumi dwene yɛ Nyankopɔn. Enti sɛ nnipa adwene tumi dwene Nyankopɔn ho deɛ a, na Nyankopɔn wɔ hɔ. Deɛ ɛto so mmienu no yɛ sɛdeɛ wiase asi ahyehyɛ afa. Sɛ yɛhwɛ sedeɛ wiase asi ahyehyɛ fɛfɛɛfɛ afa a, na akyinnyeɛ biara nni ho sɛ obi na ahyehyeɛ. Sɛ asase yi bɛn awia kakra bi mpo a, anka nnipa biara ntumi ntena so. Hwɛ sɛdeɛ nnipa akwa asi asisi so pɛpɛɛpɛ ma ɛmu biara yɛ n’adwuma fa. Saa nhyehyɛeɛ yi Obi na ɛhyehyeeɛ. Na saa nipa no ne Nyankopɔn.

Deɛ ɛto so mmiensa ne sɛ, biribi ara a ɛwɔ wiase wɔ ahyaseɛ ne awieeɛ. Nanso sɛ biribi bɛtumi aba a, na ɛsɛ sɛ obi na ɛde ba anaa biribi wɔ hɔ dada na foforɔ nam so aba. Saa adwene yi kɔ kɔsi sɛ yɛbɛnya biribi a ɛnni mfiteaseɛ; na ɛno ne- Onyankopɔn.

Deɛ ɛto so nnan ne sɛ, wiase aman nyinaa wɔ mmara bi a ɛsesɛ. Onipa bi ara nim papa ne bɔne. Bɔne bi te sɛ; awudie, atorɔ, korɔno yɛ adeɛ a obiara mpo. Nokorɛsɛm ne sɛ obi wɔ hɔ a ɔkyi saa bɔne ahodoɔ yi na ɔde saa suban yi ahyɛ nnipa akoma mu- saa nnipa no ne Onyankopɔn.

Wei nyiniaa akyi no, Twerɛ Kronkron ma yɛte aseɛ sɛ nnipa binom nnye Nyankopɔn nni. Romanfoɔ 1:25 sɛ, ‘ɛfiri sɛ wɔsesaa Nyankopɔn nokorɛ no gyee atorɔ, na wɔfɛree na wɔsom abɔdeɛ sene Ɔbɔadeɛ a wɔhira no daa no. Amen.) Twerɛ Kronkron kɔ so ka sɛ, nnipa nni anoyie biara sɛ wɔnnye Onyankopɔn anni. ‘Na ɛfiri wiasebɔ so teteete na n’adeɛ a wɔnhunu a ne ne daa tuni ne nyamesu ada adi nnoɔma a ɔyɔeɛ no ho, enti na wɔnni anoyie biara.’ (Romanfoɔ 1:20).

Nnipa nyansa ntumi nte Nyankopɔn ase nti wɔka sɛ Onyankopɔn bi nni baabi. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wɔgye tom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, na ɛnneɛ, na ɛsɛ sɛ wɔdi ne mmara so, na wohwehwɛ bɔnefafire firi ne nkyɛn. (Romanfoɔ 3:23, 6:23). Sɛ Nyankopɔn te ase na ɔyɛ wɔn wura a ɛsɛ sɛ yɛdi n’asɛm so. Sɛ nso ɔnte ase a, na onipa biara tumi yɛ deɛ ɔpɛ a ɔnsuro sɛ daakye atemmuo bi wɔ baabi. Ne saa nti na nnipa dodoɔ no ara agye agyinam sɛ ɔbɔadeɛ bi nni baabi. Na bias wo ho sɛ, adeɛn nti koraa na Nyanlkopɔn ho asɛm abɛyɛ dendeenden yi? ɛyɛ te a ɔte ase ntira? mmerɛ dodoɔɛ nnipa bi pɛ sɛ wɔpo no no, na ɛreda no adi sɛ Nyankopɔ te ase.

Yɛbɛyɛ den na yɛhunu sɛ Onyankopɔn te ase? Yɛn Kristofoɔ deɛ, yɛnim sɛ Nyankopɔn wɔ hɔ nti yɛne no kasa daa. ɛwom sɛ yɛnte sɛ ɔrekasa deɛ nanso yɛte no nka, yɛhu ne dɔ ne n’adom. Nnoɔma bi sisi yɛkwan mu a Nyankopɔn nkɔtoo na ɔnim. Nyankopɔn aboa yɛn wo akwan nyinaa mu a ɛsɛ sɛ yɛda n’ase. Nanso wie mu biara ntumi nsesa nnipa a wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔnnye Nyankopɔn nni. Ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa gye Nyankopɔn die. (Hebrefoɔ 11:6) Nyankopɔn mu gyidie yi yɛn firi sum mu kɔ hann mu; saa hann yi mu na nnipa dodoɔ no ara nsa aka na ɛyɛ sɛ wo nso wobɔ mmɔden ba saa hann yi ho.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

So Onyankopɔn te ase? So adenseɛ bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn te ase?
© Copyright Got Questions Ministries