settings icon
share icon
Asɛmbisa

Sɛ yɛka sɛ fa Yesu sɛ wo kra agyenkwa a na aseɛ ne sɛn?

Mmuaeɛ


So woagye Yesu Kristo sɛ wo kra agyenkwa? sɛ wobɛte saa asɛmbisa yi ase a, gye sɛ wonim deɛ saa nsɛmfua yi mu biara kyerɛ: ‘Yesu Kristo’, ‘Ankorankora’ ne ‘Agyenkwa.’

Hwan ne Yesu Kristo? Nnipa dodoɔ no ara nim Yesu Kristo sɛ; ɔyɛ nipa pa, ɔkyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛbi mpo ka sɛ ɔyɛ Nyankopɔn diyifoɔ, Saa nsɛm yi nyinaa yɛ nokorɛ, nanso ɛnka deɛ Yesu yɛ pɔtee. Twerɛ Kronkron ka sɛ, Yesu yɛ Nyankopɔn a ɛwɔ homan fam (Yohane 1:1,14). Nyankopɔn baa wiase bɛkyerɛkyerɛɛ, bɛsaa yɛn yadeɛ, bɛtenetenee yɛn, de yɛn bɔnee bɛkyɛɛ yɛn – na afei owu maa yɛn! Yesu Kristo yɛ Nyankopɔn, ɔbɔadeɛ, Nyankopɔn tumfoɔ. So woagye Yesu adi anaa?

Hwan ne agyenkwa, na adeɛn koraa na yɛhia agyenkwa? Twerɛ Kronkron ka sɛ, yɛn nyinaa ayɛ bɔne (Romanfoɔ 3:10-18). Saa bɔne yi ho asotwe ne Nyankopɔn abufuo ne na atemmuo. Asotwe a eni awieeɛ na ɛsɛ onipa biara a ɔbɛyɛ bɔne atia Onyankopɔn teasefoɔ. (Romanfoɔ 6:23, Adiyisɛm 20:11-15). Wei nti na onipa biara hia nkwagyeɛ no.

Yesu Kristo baa wiase bewu sii yɛn anan mu. Yesu wuo no na atua yɛn bɔne so ka (2 Korintofoɔ 5:21). Yesu wu maa yɛn (Romanfoɔ 6:23). Yesu tua yɛn ka nyinaa maa yɛn a ɛenni sɛ yɛtua hwee bio. Yesu wusureeɛ no na ɛma yɛn awerɛhwɛmu sɛ ne mogya no so yɛn bɔne so ka tua. Wei nti na Yesu nko ara ne agyenkwa no. Yohane 14:6; Asomafoɔ no nnwuma 4:12) So wogye Yesu di sɛ ɔyɛ w’agyenkwa?

So Yesu yɛ wo kra agyenkwa? Nnipa dodoɔ no ara dwen sɛ kristosom ne sɛ; wobɛkɔ asɔre, na wadi asɔre no nhyehyɛeɛ so, na woannyɛ bɔne sononko bi. Daabi nnyɛ wei ne Kristosom. Kristosompa ne ayɔnkofa a wone Yesu Kristo wɔ. ɛnne sɛ, woagye Yesu sɛ woagyenkwa na wode wo werɛ nnyinaa ahyɛ ne mu. Obi gyidie ntumi nnye ofoforɔ nkwa. Yɛn nnwuma ntumi mma yɛn bɔnefafiri. Ɔkwan baako pɛ na yɛbɛtumi afa so anya daa nkwa; ɛnne sɛ yɛbɛfa Yesu sɛ yɛn kra agyenkwa, na yɛde yɛn ho ato no so sɛ, ne wuo no atua yɛn bɔne so ka, na ne wusɔreeɛ no na ama yɛn daa nkwa anidasoɔ (Yohane 3:16) So Yesu yɛ wo kra agyenkwa?

Sɛ wopɛ sɛ wogye Yesu sɛ wo kra agyenkwa a, ka saa nsɛm yi kyerɛ awurade. Kae sɛ, woreka saa mpaeɛ yi anaa ɔfoforɔ bi ntumi nnye wo nkwa. Nea ɛbetumi agye nnipa afiri bɔne mu ne sɛ wobɛgye Yesu ne n’adwuma a ɔbɛyɛeɛ wɔ asennua no so no adie. Saa mpaeɛ yi yɛ ɔkwan a wonam Nyankopɔn mu gyidie a wowɔ de reda no ase sɛ wɔ wo nkwagyeɛ ho. ‘Awurade Nyankopɔn, menim sɛ mayɛ bɔne atia wo a anka asotwe na ɛsɛ me. Nanso megye di sɛ Yesu Kristo atua m’asotwe so ka na menam ne mu gyidie so anya bɔnefafirie. Megye bɔnefafire no na megye di sɛ wobɛma me ahoma ama me kra. Mefa Yesu sɛ me kra agyenkwa! Meda wo ase wɔ adom ne fafirie sonowonko a me nsa aka - akyɛdeɛ a ɛte ase daa no nti! Amen!’

Nea wokenkan yi ama wasi gyinaeɛ sɛ wobɛdi Yesu akyi anaa? Sɛ ɛte saa, mia asɛm a ɛse ‘Megye Kristo adi nni da yi’ yi so.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Sɛ yɛka sɛ fa Yesu sɛ wo kra agyenkwa a na aseɛ ne sɛn?
© Copyright Got Questions Ministries