settings icon
share icon
Asɛmbisa

Hwan ne Kristoni?

Mmuaeɛ


Kristoni ne obi a ɔgye Yesu di anaa nso sɛ ɔgye Yesu nkyerɛkyerɛ di. Ɛwom sɛ, saa nkyerɛkyerɛmu yi yɛ deɛ nso Twerɛ Kronkron ma yɛhunu sɛ ɛnyɛ ɛno ara no no. Yɛhu asɛmfua Kristoni mprensa wɔ Apam foforɔ mu.(Asomafoɔ no nnwuma 11:26; 26:28; 1 Petro 4:16). Antiokia na wɔdii kan too asuafoɔ no din Kristofoɔ. Na wɔn suban ne wɔn nneyɛeɛ sɛ Kristo. Kristoni kyerɛ obi a ɔdi Kristo akyi.

Awerɛhosɛm ne sɛ, asɛm Kristoni asesa abɛyɛ obi a ɔkɔ asɔre, anaa obi a n’abrabɔ yɛ a mpo ɔnnye Yesu nni. Nnipa dodoɔ no ara na wɔfrɛ wɔn ho Akristofoɔ ɛfiri sɛ wɔkɔ asɔre, anaa wɔte ɔman a Kristosom wɔ mu. Nanso asɔrekɔ, ayamyɛ, ne suban pa mma obi nyɛ Kristoni. Mpanin sɛ, wowura fononoo mu a na wo nnanee paanoo. Saa ara nso na sɛ wokɔ asɔre a, na wo nnanee Kristoni. Mpo asɔreba a woyɛ, ne sika a wotua no wɔ asɔre mu mma wo nyɛ Kristoni.

Twerɛ Kronkron sɛ yɛn papa yɛyɛ no mpo yɛ ntomagu afiafi wɔ Nyankopɔn anim. Tito 3:5 sɛ, ‘ɛmfiri tenenee mu nnwuma a yɛayɔ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborɔhunu nti na ɛmaa no faa awo foforɔ adwareɛ ne Honhom Kronkron foforɔyɛ so gyee yɛn nkwa.’ Okristoni ne obi a Nyankopɔn awo no foforɔ (Yohane 3:3; Yohane 3:7; 1 Petro 1:23) na ɔde ne ho ato Yesu Kristo so. Efesofoɔ 2:8 ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘na adom na wɔde nam gyidie so agye mo nkwa, ɛmfiri mo ara, ɛyɛ Nyankopɔn akyɛdeɛ.’

Nokorɛ Kristoni ne obi a ɔde ne gyidie ne ne werɛ ahyɛ Yesu Kristo mu sɛ, Yesu wu tua ne bɔne so ka na ne nnansa akyi no ɔsɔree. Yohane 1:12 ka sɛ, Na dodoɔ a wɔgyee no no, wɔn a wɔgye ne din die no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Nyankopɔn mma.’ Nokorɛ Kristoni ne obi a ɔdɔ ne yɔnko na afei odi Nyankopɔn asɛm so (1 Johane 2:4,10). Nokorɛ Kristoni yɛ Nyankopɔn ba a ɔnam Yesu Kristo so anya nkwa foforɔ.

Nea wokenkan yi ama wasi gyinaeɛ sɛ wobɛdi Yesu akyi anaa? Sɛ ɛte saa, mia asɛm a ɛse ‘Megye Kristo adi nni da yi’ yi so.

English



San kɔ baabi a Twi wɔ no

Hwan ne Kristoni?
© Copyright Got Questions Ministries